Obrafour - Always On My Mind lyrics

Published

0 416 0

Obrafour - Always On My Mind lyrics

[VERSE 1 : SARKODIE] Yeah uh tie Ohemaa twa wo nan ase Gye w'ani mma biribi a nhaw Me no me te ɔdɔ ase Hyɛ mpaboa na aboa bi anka wo Gyai su pepa w'anni ase Mma ewiase adwendwen mfa wo Bra na bɛgya me kwan ɛ na wo anka sɛ mankra wo Abena ma dwene woho akyɛ ma dwene woho akyɛ Neɛ wopɛ ne masɛdeɛ Me nnim koraa ɛwɔ sɛ mesua yɛ Ka asɛm dɛ bi gu masum na obia nyaa anka ɔpɛ Abena Amponsah tumtum broni ahoɔfɛ Nsɛm hunu deɛ pii kwa Wobɛte abrɛ nti gyai su Pepa w'anim nisuo na meyɛ nfomsoɔ koraa kaisɛ ɔdɔ a me wɔ ma wo dɔɔso Makoma nie nti wopɛ a pai mu Fa me si wo nsa nifa so matena wiase akyɛ metai hu ɔdɔ [CHORUS : OBRAFOUR] Medi ɔpɛpa ne akomapa na ɛde dɔ wo oo Wagye mahoɔden nyinaa Me nni obi foforo ka ho wo som mebo firi sɛ ɔdɔ mu ɛduru oo Nti ɔdɔ kaisɛ, meho nsɛmsɛm ɛtɔdabia ɛbɛbu w'abam Medɔ wiase mma obi ntete yɛn ntɛm Firi sɛ ɔdɔpa yɛdi no akomam Yee yee, you are always on ma mind and forever in my heart Medɔ ee, you are always on ma mind and forever in my heart [VERSE 2 : SARKODIE] Entietie nkrofoɔ ano na ɔdɔ no me kuta no dan ma Yebɛ wo abofra ato no din Kyeiwaa Diana ɔmose m'agyai wo Busa sɛ mo mu hwan koraa na onim medɔfo sen me Yɛn dɔ no yɛn antɔ no China Nyɛ adea m'agyai wo Me gyegye wo kokoso nkɔ gyai wo subunu ani Emerɛ a mehu wo a na mekaa metirim adea mepɛ a ni Adwendwene gu woti so a sua bɔkɔɔ fa bɛgu mekɔn akyi Nya abotrɛ na me hyɛ wo kawa na nsɛm bi sei no ɛtai si Mandi yaw na mehu w'anim nisuo a na meteetee Fa w'ani to fom ɛda a w'ani bɛgye bia na me seresere Woyɛ ohemaa sa adowa Mede wobɛkyin amansan Abena me brɛ ma wo sɛnea akokɔ nso brɛ ma nkwan [CHORUS : OBRAFOUR] Medi ɔpɛpa ne akomapa na ɛde dɔ wo oo Wagye mahoɔden nyinaa Me nni obi foforo ka ho wo som mebo firi sɛ ɔdɔ mu ɛduru oo Nti ɔdɔ kaisɛ, meho nsɛmsɛm ɛtɔdabia ɛbɛbu w'abam Medɔ wiase mma obi ntete yɛn ntɛm Firi sɛ ɔdɔpa yɛdi no akomam Yee yee, you are always on ma mind and forever in my heart Medɔ ee, you are always on ma mind and forever in my heart [VERSE 3 : OBRAFOUR] ɔdɔ no si wo a ɛsi wo si Maka no pɛfɛee Ntietie amansan, wo ne obia npere hwee Medɔ wiase gye makoma nwene wo prɛbuo oo Kai sɛ wo ntia na masi m'adwene pɔ I wish one day you'll become my wife for life I wish one day you'll become my wife for life Yee yee, you are always on ma mind and forever in my heart You are always on ma mind and forever in my heart